Elŝuti PDF-on
Reiri al la rakontolisto

Kɔsra Wɔn Nanabaa Ferioj kun avino

Verkita de Violet Otieno

Ilustrita de Catherine Groenewald

Tradukita de Agnes Asamoah-Duodu (OLE Ghana)

Lingvo asanta

Nivelo 4-a nivelo

Laŭtlegi la tutan rakonton Sonregistraĵo por tiu ĉi rakonto ankoraŭ mankas.


Odongo ne Apiyo ne wɔn papa te kurokɛseɛ mu. Na wɔn anidasoɔ ne sɛ akwamma bɛduru ntɛm. Ɛnyɛ sɛ sukuu a ɛma kwan nkoaa, na mmom sra a wɔkɔsraa wɔn nanabaa. Ɔte akuraa bi a ɛbɛn ɔtadeɛ kɛseɛ bi ho.

Odongo kaj Apiyo loĝis en la urbo kun sia patro. Ili antaŭĝojis la ferioperiodon. Ne nur pro la lernejo estis fermita, sed pro ili vizitis sian avinon. Ŝi loĝis en fiŝkaptista vilaĝo proksime al granda lago.


Odongo ne Apiyo ani gyee yie ɛfiri sɛ na ɛberɛ aso sɛ ɔkɔsra wɔn nanabaa bio. Anadwo no a adeɛ rebɛkye ama wɔakɔ no, wɔhyehyɛɛ wɔn nnoɔma guu baage mu yɛɛ ahoboa twɛn akurase akwantu tenten no. Anadwo mu no nyinaa wɔdii akwamma no ho nkɔmmɔ saa a wɔanna.

Odongo kaj Apiyo estis ekscititaj, ĉar venis la tempo viziti sian avinon denove. La antaŭan nokton ili pakis siajn sakojn kaj pretiĝis por la longa vojaĝo al ŝia vilaĝo. Ili ne povis dormi kaj parolis la tutan nokton pri la ferio.


Ɛda no anɔpatutuutu no, wɔtenaa wɔn papa kaa mu kɔɔ akuraa no ase. Wɔrekɔ no, wɔtwaa mmepɔ, mmoadoma, ɛne mfuo ho. Wɔkenkanee kaa ahoroɔ a wɔhunuiɛ san too nnwom.

Frue la sekvan matenon, ili foriris vilaĝen en la aŭto de sia patro. Ili veturis preter montoj, sovaĝaj bestoj kaj teplantejoj. Ili kalkulis aŭtojn kaj kantis kantojn.


Ɛyɛɛ kakra no, na mmɔfra no aberɛberɛ ɛnti wɔdedaeɛ.

Post iom da tempo, la infanoj laciĝis kaj ekdormiĝis.


Wɔduruu akuraa no ase no papa nyanee Odongo ne Apiyo. Wɔhunuu wɔn nanabaa Nobuntu sɛ ɔte kɛtɛ so wɔ dua bi ase regye n’ahome.

Patro vekis Odongon kaj Apijon dum ili alvenis en la vilaĝon. Ili trovis Nyar-Kanyada, sian avinon, ripozantan sur mato sub arbo. Nyar-Kanyada en Luo, signifas ‘filino de la popolo de Kanyada’. Ŝi estis forta kaj bela virino.


Nobuntu maa wɔn akwaaba de anigyeɛ, nnwom ne asa twaa ɛdan no mu hyiaeɛ. Ne mmanananom ani gyee sɛ wɔde wɔn akyɛdeɛ a wɔde firii kurokɛseɛ mu ama no. Odongo kaa sɛ, “Di kan bue m’akyɛdeɛ no so.” Apiyo kaa sɛ, “Daabi, bue medeɛ no so kane.”

Nyar-Kanyada bonvenigis ilin en la domon kaj dancis ĉirkaŭ la ĉambro kantante kun ĝojo. Ŝiaj genepoj ĝojis doni al ŝi la donacojn, kiujn ili alportis de la urbo. “Unue malfermu mian donacon,” diris Odongo. “Ne, mia donaco unue!” diris Apiyo.


Nobuntu buee akyɛdeɛ no so no, ɔhyiraa ne mmanananom.

Post kiam ŝi malfermis la donacojn, Nyar-Kanyada benis siajn nepojn laŭ tradicia maniero.


Afei Odongo ne Apiyo firii adi kɔdii agorɔ. Nobuntu ne ne ba barima dii abusua nkɔmmɔ ɛne kaseɛbɔ a ɛbɛhyiaeɛ.

Tiam Odongo kaj Apiyo iris eksteren. Ili postkuris papiliojn kaj birdojn.


Ɛduruu anwumerɛ no Odongo ne Apiyo baa fie bɛdii anwumerɛ aduane.

Ili grimpis arbojn kaj plaŭdis en la akvon de la lago.


Wɔanwieɛ adidie mpo na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔrededa!

Je mallumo, ili revenis al la domo por vespermanĝi. Antaŭ ol ili povis finmanĝi, ili endormiĝis!


Adeɛ kyeeɛ no, papa gyaa mmɔfra no maa Nobuntu tuu ne kaa sane kɔɔ kurokɛseɛ mu bio.

La sekvan tagon, la patro de la infanoj veturis reen al la urbo lasante ilin kun Nyar-Kanyada.


Odongo ne Apiyo boaa wɔn nanabaa wɔ ɛfie adwuma. Wɔkɔɔ nsuo san kɔtwitwaa egya.

Odongo kaj Apiyo helpis sian avinon pri hejmaj taskoj. Ili alportis akvon kaj brullignon. Ili kolektis ovojn de la kokinoj kaj plukis legomfoliojn el la ĝardeno.


Wɔsesaa nkokɔ nkosua san tetee atosodeɛ frɔmfrɔm firii mfikyifuo no mu.

Nyar-Kanyada instruis siajn genepojn fari molan ugali por manĝi kun stufaĵo. Ŝi montris al ili kiel fari kokosan rizon por manĝi kun rostitaj fiŝoj.


Da koro anɔpa bi, Odongo de ne nanabaa anantwie kɔɔ adidie. Wɔtuu mmirika kɔɔ wɔn yɔnko bi afuom. Okuafoɔ no bufuiiɛ. Ɔhunahunaa wɔn sɛ ɔremma anantwie no kwan ɛmma wɔnnkɔ ɛfiri sɛ wɔn abɛwe ne nnɔbaeɛ. Ɛfiri saa da no, Odongo yɛɛ n’adwen sɛ ɔremma anatwie no nkɔtɔ amaneɛ mu bio.

Unun matenon, Odongo prenis la bovinojn de sia avino por paŝti. Ili kuris sur la bienon de najbaro. La kamparano koleris kontraŭ Odongo. Li minacis posedi la bovinojn pro manĝado de siajn rikoltojn. Post tiu tago, la knabo certigis, ke la bovinoj ne faris problemojn denove.


Ɛda foforɔ bi nso, mmɔfra no ne Nobuntu kɔɔ ɛdwam. Ɔwɔ apata a ɔtɔn atosodeɛ, asikyire ɛne samina wɔ mu. Ɛyɛ Apiyo anigyeɛ sɛ ɔbobɔ nnoɔma no boɔ kyerɛ atɔfoɔ. Odongo pɛ ne sɛ ɔbɛhyehyɛ nnoɔma a atɔfɔ no atɔ no agu adeɛ mu ama wɔn.

En alia tago, la infanoj iris al la bazaro kun Nyar-Kanyada. Ŝi havis budon por vendi legomojn, sukeron kaj sapon. Apiyo ŝatis diri al klientoj la prezon de varoj. Odongo pakus tion, kion aĉetis la klientoj.


Nanso ankyɛ koraa na akwamma no baa awieɛ. Ɛsɛ sɛ mmɔfra no sankɔ kurokɛseɛ mu na wɔkɔ sukuu.

Je la fino de la tago ili kune trinkis chai-teon. Ili helpis avinon kalkuli la monon, kiun ŝi gajnis.


Nobuntu maa Odongo ɛkyɛ ɛna ɔmaa Apiyo swoɔta. Ɔhyehyɛɛ nnuane a wɔde bɛkɔ wɔn kurom maa wɔn.

Sed tro baldaŭ finiĝis la ferioj kaj la infanoj devis reiri al la urbo. Nyar-Kanyada donis al Odongo ĉapon kaj al Apiyo puloveron. Ŝi pakis manĝaĵojn por ilia vojaĝo.


Ɛberɛ a wɔn papa baa sɛ ɔrebɛfa wɔn akɔ no, wɔampɛ sɛ wɔbɛkɔ. Mmofra no paa Nobuntu kyɛw sɛ ɔne wɔn nkɔ kurokɛseɛ mu. Ɔnwenwenee kaa sɛ, “Mabɔ aberewa dodo sɛ mɛtena kurokɛseɛ mu. Na mmom mɛtena ɛha yi ara atwɛn sɛ mobɛma kwan bio na moabɛsra me.”

Kiam ilia patro venis por venigi ilin, ili ne volis foriri. La infanoj petegis Nyar-Kanyadan, ke li iru kun ili al la urbo. Ŝi ridetis kaj diris: “Mi estas tro maljuna por la urbo. Mi atendos, ke vi revenu al mia vilaĝo.”


Odongo kaj Apiyo ambaŭ brakumis ŝin forte kaj adiaŭis.


Verkita de: Violet Otieno
Ilustrita de: Catherine Groenewald
Tradukita de: Agnes Asamoah-Duodu (OLE Ghana)
Lingvo: asanta
Nivelo: 4-a nivelo
Fonto: Holidays with grandmother el la Afrika Rakontolibro
Krea Komunaĵo Permesilo
Ĉi tiu verko estas disponebla laŭ la permesilo Krea Komunaĵo Atribuite 4.0 Tutmonda.
Legi pliajn rakontojn de la 4-a nivelo:
Opcioj
Reiri al la rakontolisto Elŝuti PDF-on